Skip to content
الإسلام دين رب العالمين

الإسلام دين رب العالمين

Me hyɛase wɔ Nyame din mu Hommɔborɔ hene Ɔdɛɛfoɔ hene. Islam/ Kramo som no yɛ Abodia nyinara wura No Som. Hwan na yɛ wo wura? Wei yɛ asɛmbisa a ɛwɔ hɔ, na ɛyɛ asɛmbisa a ɛhia pa ara yie a ɛyɛ nhyɛ sɛ onipa biara nim n'anoyie. Yɛn Awurade ne Nea Ɔbɔɔ ɛsoro ne asaase, na Ɔsianee nsuo firii soro na Ɔde nnuaba ne nnua baeɛ sɛ aduane maa yɛn ne mmoa a yɛdidi so. Na Ɔno na Ɔbɔɔ yɛn na Ɔbɔɔ yɛn agyanom, na Ɔbɔɔ biribiara, na Ɔno na Ɔyɛɛ anadwo ne awia, na Ɔno na Ɔmaa anadwo yɛɛ nna ne ahomegyeɛ berɛ, na ɛda nso yɛɛ berɛ a wɔde hwehwɛ aduane ne asetena mu nneɛma. Ɔno na Ɔbrɛɛ owia, bosome, nsoromma,…

0%
Font size