وجوب العمل بالسنة وكفر من أنكرها
رسالة لطيفة تبين أهمية الالتزام بسنة النبي محمد صلى الله عليه وسلم وبيان كفر من ينكرها. تبدأ بالتأكيد على أن مصادر التشريع الإسلامي تعتمد على القرآن الكريم وسنة النبي محمد صلى الله عليه وسلم وإجماع علماء الأمة. تشرح الرسالة كيف أن القرآن وسنة النبي متلازمان، وتؤكد على ضرورة اتباع السنة لفهم وتطبيق أحكام الشريعة. يُستدل فيها بآيات القرآن وأحاديث النبي العدنان وشهادات من الصحابة والتابعين، لإثبات حجية السنة وأهمية التمسك بها. تُختتم الرسالة بتذكير المسلمين بضرورة طاعة الرسول والابتعاد عن مخالفة سنته لتحقيق الهداية والرحمة من الله جل جلاله.
Ɛyɛ asɛdeɛ sɛ yɛdi dwuma wɔ Ɔsomafoɔ Sunnah so, Nyame nhyira ne n'asomdwoe nka no, na Obibiara a wapo ne Sunna no nni gyedie na Ɔyɛ bɔbeayɛ nii (Kaafiri). Nwoma yi twerɛfoɔ
Abdul Aziz bin Abdullah bin Baaz Onyame nhunu no mmɔbɔ
Me hyɛase wɔ Nyame din mu Hommɔborɔ hene Ɔdɛɛfoɔ hene.
Nsɛm a ɛdikan/ Nnianim nsɛm.
Aseda nyinaa wɔ Allah abɔdeɛ nyinaa Wura, na awieyɛ no wɔ Nyame surofoɔ, Nhyira ne asomudwoe nka N'akoa ne Ne somafoɔ yɛ kɔmhyɛnii Mohammad, Ɔsomani a ɔyɛ Hunummɔborɔ ma Abɔdeɛ nyinaa, ɛna Ne fiefoɔ ne N'asuafo wɔn a wɔfaa wɔn Wura nwoma ahoteɛ No ɛna wɔn kɔmhyɛnii Sunna Nyame nhyira ne N'asomudwoe nka no ɛmaa akyiri mma, ɛwɔ nhwɛso pa kwan so, ɛna Banbɔ a ahyɛma fa nkyerεkyerεmu ne mu nsemfua, Onyame ngye wɔn ntumu, na Ɔnyɛ yɛn wɔn akyiridifoɔ wɔ kwan pa so, ne ngyinasoɔ wɔ nkoa nyinaa ara so wei akyi no:
Tete ne nnɛɛmafoɔ nimdiefoɔ adwene akɔ bɛnkoro sɛ nnyinasosɛm ahodoɔ a wɔgyina so kyerɛ neɛ ɛyɛ papa ne deɛ ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ Allah Tumifoɔ no nwoma mu, (nwoma) a atorɔsɛm boara nni n'anim anaa n'akyi, ansa na Allah somafoɔ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) anamɔntuo mu, (ɔsomafoɔ) a ɔnkasa wɔ n'akoma so, ɛnyɛ biribiara sɛ yikyerɛ na yɛayi akyerɛ no, ansa na ɛdɔm no mu nimdefoɔ adwenkyerɛ, na nimdeɛfoɔ no mu akyɛ wɔ nnyinasosɛm foforɔ so, deɛ ɛdi mu paa ne ntotoho na nimdeɛfoɔ dodoɔ no ara gyina so sɛ ɛyɛ nnyinasoɔ sɛ ɛkɔba sɛ ɛhyia tebea a wɔrehwɛ no a, na adanseɛ a ɛwɔ saa nnyinasosɛm yi so dɔɔso sɛ wobɛbobɔ na agye din dodo sɛ ɔbɛbobɔ so.
Nnyinasosɛm a yɛgyetum ahorow wɔ atemmu ahorow a wɔde di adanse mu
Nnyinasosɛm a edi kan: Onyankopɔn nhwoma a yɛndi so nkunimdie.
Nanso nyini a ɛdi kan: Ɛno ne Onyame Nwoma a yɛndi so nkunimdie, Na nokware yɛ Wura Nyankopͻn Okokuroko kasa rekyire wɔ bea pii mu wɔ Ne Nwoma no mu sɛ: saa Nwoma yi akyidi yɛ nhyɛ, ɛna sɛ yɛ bɛ sɔmu na y'agyena wɔ ne mmera ho.
Onyame kokuroko no aka sɛ : Wei yɛ Nwoma a Yasane yahyira so ɛnam wei nti mo ndi akyire na mo nsuro Nyame sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo bɛ nya Ahommɔburɔ
Na Onyame kokuroko no aka sɛ :
Nokware Somafoɔ no aba mo nkyɛn na Ɔrekyerɛ kyerɛ mo deɛ na mode sie Nwoma no mu bebree na wagya bebree(wabu N'ani aguso), Nokware Hann firi Nyankopɔn hɔ aba mo nkyɛn ɛna Nwoma a ɛmu da hɔ a Onyankopɔn nam so kyerɛ wɔn a wodi n’anigye pa akyi no kwan kɔ asomdwoe akwan so na ɔde wɔn firi sum mu ba hann no mu wɔ Ne tumi mu na Ɔkyerɛ wɔn kwanpa kɔ ɔkwan tenee so.
Na Onyame kokuroko no aka sɛ :
Ɛsipi sɛ, wɔn a wayi bonniayɛ wɔ Ntomtom yi (kuran) nwoma berɛ a aba wɔn nkyɛn, Na ɛsipi sɛ, ɛyɛ nkunimdie Nwoma Nkontompo mfiri n'anim, anaasɛ mfiri n'akyi, Ɛfiri Anyansafo hene(Allah) Aseda Wura (Allah) nkyɛn.
Na Onyame kokuroko no aka sɛ :
{Na woyii saa Kur'aan yi adi kyerɛɛ me sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mede bɛbɔ mo ne obiara a ɛbɛdu ne hɔ no kɔkɔ}.
Na Onyankopͻn kaa sɛ:
{Wei yɛ nkrasɛm (dawoubɔ) ma Onipa nyinara sɛdeɛ ɛbɛ yɛ a wɔde bɛbɔ wɔn kɔkɔ}
Na yikyerɛ pii na wɔ saa nkyerɛkyerɛmu yi afa mu, na ɔkɔmhyɛni ano asɛm a ɛyɛ nokware nso firi ne nkyɛn aba a ɛrɛhyɛ yɛn sɛ yɛnsɔ Qur'ani no mu na yɛnkura mu pintinn, adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ neɛ ɔbɛsɔ mu no; na ɛwɔ tenenee kwan no so, na neɛ ɔbɛgyae mu no; na ɛwɔ ɔyera kwan so, na woi mu na ɔkɔmhyɛni (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) asi so dua, sɛ ɔkaa no wɔ n'asɛnka mu wɔ hajji a ɛtwa toɔ no mu:
Meregya mo mu nea sɛ mokura mu pintinn a, morennyera da, Nyankopɔn Nwoma no) .
Ɛfiri Muslim Nwoma krɔgyeen no mu.
Na ɛwɔ Sahih Muslim nso mu bio firi Zaid bin Arkam Nyame nnye no ntum se: Ɔkɔmhyɛni Nyame nhyira N'asomdwoeɛ nka no - kaa sɛ:
“Meregya nneɛma mienu a ɛmu yɛ duru wɔ M'akyi, nea edi kan ne Onyankopɔn Nwoma (kur'an) a akwankyerɛ ne hann wɔ mu, ɛnti fa Onyankopɔn Nwoma (Kur’aan) no na monkura mu yie.”
Ɛnti ɔhyɛɛ sɛ Monkura Onyankopɔn Nwoma no mu yie na ɛho dɔ, afae Ɔkaa sɛ:
Na me fiefoɔ, mekae mo Onyankopɔn wɔ me fiefoɔ ho, mekae mo Onyankopɔn wɔ me fiefoɔ ho.
Wɔ asɛm foforɔ mu no ɔkaa wɔ Kur’aan mu sɛ:
Ɛno ne Onyame ahuma na Obi biara a ɔbɛ kuta mu no, Ɔno na wɔ tenenee so na Obi biara ɔbɛ gyae mu no, Ɔno na wɔ yera akwan so.
Na ɔkɔmhyɛni ano asɛm (Hadith) ɛfa saa nkyerɛkyerɛmu yi ho dɔɔso, ne nimdeɛfoɔ ne agyedifoɔ a wɔfiri asuafoɔ no mu adwenkyerɛ, ne wɔn a wɔdi wɔn akyi, ɛwɔ ɔhyɛ a ɛwɔ sɛ yɛsɔ Allah nwoma (qur'an) no mu, na yɛde yɛ yɛn mmrasɛm, na yɛde bua atɛn, ɛne Allah somafoɔ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) anamɔntuo mu ɛdɔɔso na ɛyi kasa tenten firi hɔ, sɛ worebobɔ adanseɛ wɔ saa asɛm yi ho.
Nnyinasosɛm a ɛtɔ so mmienu : Neɛ wɔgye firii Allah somafoɔ (Allah nhyira ne N'asomdwoeɛ nka no) no nkyɛn nokware mu, ne n'asuafoɔ nkyɛn, ɛne wɔn a wɔadi wɔn akyi firi nimdefoɔ ne agyidifoɔ mu.
Ɛfa nnyinasosɛm a ɛtɔ so mmienu wɔ nnyinasosɛm mmiɛnsa no mu no, neɛ dodoɔ nyinaa agye ato mu ne; neɛ wɔgye firii Allah somafoɔ no (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) hɔ wɔ nokware mu, ne n'asuafoɔ hɔ ɛne wɔn a wɔdii wɔn akyi firi nimdefoɔ ne agyidifoɔ mu, wɔgye saa nnyinasosɛm kann yi di, na wɔde yɛ nnyinasoɔ na wɔkyerɛ dɔm no. Na wɔatwerɛ nnwoma pii afa saa asɛm yi ho na wɔakyerɛkyerɛ saa asɛm yi mu wɔ nsɛmfua ne nteaseɛ mfitiaseɛ nwoma no mu, na nyinasoɔ a ɛfa saa asɛm no ho yɛ bebree kwa, na ɛmu bi ne neɛ ɛbaa Allah Tumifoɔ no nwoma mu a ɛfa hyɛ a Ɔrehyɛ yɛn sɛ yɛdi n'akyi na yɛyɛ sotie ma no, na woi kɔma wɔn a na wɔwɔ hɔ ne pɛn so ne wɔn a ɛbɛba n'akyi, ɛfiri sɛ ɔyɛ Allah somafoɔ ma obiara, ɛna ɛfiri sɛ yɛahyɛ wɔn sɛ wɔdi n'akyi na wɔyɛ sotie ma no kɔpem sɛ atɛmmuada bɛsi, ɛna ɛfiri sɛ ɔno ɔkɔmhyɛni (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) ne Allah nwoma no ɔkyerɛkyerɛmufoɔ, na ɔde ne nsɛm, ne nneyɛɛ ne n'amanebɔ bɛda neɛ ɛwɔ mu nyinaa adi, nanka nnyɛ ɔkɔmhyɛni akwan a (sunna) nka mislimifoɔ nnhu raka'a dodoɔ a ɛwɔ asɔre biara mu, ne su ne neɛ ɛyɛ nhyɛ wɔ mu, ɛna nka wɔnhu nkyerɛkyerɛmu a ɛfa akɔmkyene, ntotosoɔ du, hajji ne nko den wɔ Allah kwan so, ne worehyɛ ama obi ayɛ papa na wabara np ama wafiri bɔne ho, ɛna nka wɔnhu nkyerɛkyerɛmu a ɛfa mmara nkitahodie ne akyiwadeɛ ne neɛ Allah ayɛ no nhyɛ yɛ so wɔ ne hyeɛ ne n'asotwee ho wɔ neɛ Wasiane no wɔ saa yikyerɛ yi mu, wɔ Suratu Aali Imran mu:
{ Na monyɛ sotie ma Allah ne ɔsomafoɔ no sɛ neɛ ɛbɛyɛ a Ɔbɛhu mo mmɔbɔ}.
Ne Okokuroko n'asɛm a Ɔkaa no Suratun Nisaai:
{ o mo a moagyi adi ! monyɛ monyɛ sotie ma Allah na monyɛ sotie ma ɔsomafoɔ no ne wɔn a wɔwɔ diberɛ wɔ mo mu no, nasɛ monnye biribi ntom a, momfa kɔ dan Allah ne ne somafoɔ no, sɛ mogye Allah ne atɛmmuada no di dea, ɛno na ɛyɛ na ɛwɔ akatua pa paara}.
Na Okokuroko no saa kaa no wɔ suratun nisaai bio sɛ:
{ deɛ ɔbɛyɛ asotie ama ɔkomhyɛni no ayɛ sotie ama Allah, na neɛ ɔbɛdane n'ani ama wo no deɛ, Yɛansoma wo ankɔ wɔn so sɛ ɔbammɔfoɔ}.
Na ɛbesi dɛn na wayɛ sotie ama no na wadane neɛ amanfoɔ nte wɔn ho ase wɔ mu no akɔ Allah nwoma no ne ne somafoɔ n'akwan so, sɛ wamfa n'akwan no anyɛ nyinasoɔ a anaasɛ wɔmmɔ ne nyinaa ho ban a? Na ɛfa saa asɛm yi ho sɛ Allah de ne nkoa akɔdan adeɛ a nte ase, na saa asɛm yi yɛ atorɔsɛm a ɛso pa ara, na ɛka bonniayɛ akɛseɛ a wɔde yi Allah no ho, ne nsusueɛ bɔne a wɔde susu no.
Na Ɔkaseɛ Okokuroko no aka wɔ Suratun Nahal:
((Na Yɛ sanee Nkaekae (Kuran) no baa wo so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wo bɛyɛ nkyerɛkyerɛ a ɛda adi akyerɛ Nipa ɛfa deɛ Yɛ sane baa wɔn so, sɛdeɛ wɔn bɛ dwendwene ho))
Na ɔkaa wɔ mu bio sɛ:
{Na Y'ansane Nwoma no amma wo gye sɛ wo yɛ nkyerɛkyerɛ dano adi kyerɛ wɔn, ɛfa wɔn redi ho akyinnyedie no, na ɛyɛ kwankyere ne mmoborohunu ma ɛdɔm a wogye die).
Enti ɛbesi dɛn na Allah Ɔhoteeni no ahyɛ ne somafoɔ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) sɛ ɔnkyerɛkyerɛ neɛ wɔsiane maa wɔn; aberɛ a n'anamɔntuo nni hɔ anaasɛ adanseɛ biara nni hɔ fa ho?
Saa ara nso na Allah Tumfoɔ ka wɔ Surah An-Nur mu sɛ:
{Ka sɛ (ɔkɔmhyɛni) monyɛ sotie ma Allah ne ɔsomafoɔ no, na sɛ modane mo ani dea a; ɛneɛ na esipi sɛ n'adesoa ɛda ne so na monso mo adesoa da mo so, na sɛ moyɛ sotie ma no a mobɛnya tenenee, na sodie nni ɔsomafoɔ no so agye dawubɔ a ɛda adi pefee}.
Na Onyame Kokuroko aka wɔ surayi ara mu sɛ:
{Na mo yε Asɔre (Sallah) na mo ntua zakat no na mo ntie Ɔsomafoɔ no na ama moanya mmɔborɔhunu}
Na Ɔkaa wͻ Suratul Aaraf mu sε:
(Ɔkͻmhyεni), kasε: “Adasamma, meyε Ɔsomafoͻ firi Nea ͻsoro ne asaase ahennie yε Ne dea no hͻ de ma mo nyinaa”. Awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno (nko ara); Ɔno na Ɔma nkwa εna Okum. Enti monnye Nyankopͻn ne ne Somafoͻ Nkͻmhyεni Fratamni no a ͻgye Nyankopͻn ne Ne nsεm die no nni, na monni n’akyi sεdeε mobɛnya kwankyerε}.
Na saa yikyerɛ yi mu no, nyinasoɔ a ɛda adi pefee kyerɛ sɛ tenenee ne ahummɔborɔ wɔ ( Allah nhyira ne N'asomdwoeɛ nka no) akyiridie mu, na ɛbɛsidɛn na aba mu sɛ yɛamfa n'akwan so anni yɛn nwuma a, anaasɛ wobɛkasɛ nokware biara nni mu anaa ɛnyɛ ade a yɛde yɛ ho to so.
Na Allah Okokuroko kaa no wɔ suratun Nur mu sɛ:
{Enti wͻn a wͻne (Ɔkͻmhyεni) ahyεdeε bᴐ abira no, wͻnhwε yie na mmusuo bi anto wͻn, anaasε asotwee bi a εyε ya paa bi anto wͻn}.
Na Ɔkaa no wɔ suratul Hashar mu sɛ:
{Deε Ɔsomafoͻ no de ama mo no monye, na deε wabara mo no nso montwe mo ho mfiri ho}.
Na adiyisɛm a ɛwɔ saa asɛm yi mu yɛ pii, na ne nyinaa rekyerɛ ahyɛdeɛ ɛwɔ mu sɛ yɛbɛyɛ sotie ama no, (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no). Na yɛbɛdi neɛ ɔde baeɛ n'akyi sɛ neɛ adanseɛ a ɛdii anim rekyerɛ hyɛ a ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛdi Allah nwoma n'akyi na yɛsɔ mu, na yɛyɛ sotie ma n'ahyɛdeɛ ne ne bara. Na ɛyɛ nyinasosɛm mmienu a yɛntete mu, na obia a ɔbɛpo wɔn mu baako no apo baako a aka no na watwa so kontompo, na ɛno nso yɛ boniayɛsɛm ne ɔyera na ɛyi obi firi Islam kurukuruwa mu, sɛ neɛ nimdefoɔ ne agyidifoɔ adwene akɔ bɛnkorɔ no.
Allah somafo (Allah nhyira ne N'asomdwoeɛ nka no) ano asɛm waka wɔ saa asɛm yi ho.
Na yɛanya Allah somafoɔ (Allah nhyira ne N'asomdwoeɛ nka no) ano asɛm pii a ɛfa ɔhyɛ a ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛyɛ sotie ma no na yɛdi neɛ ɔde baeɛ akyi, ne bara a wabara sɛ yɛbɛyɛ ne so asoɔden. Na woi wɔ hɔ ma wɔn a na wɔwɔ n'aberɛ so ne wɔn a ɛbɛba n'akyi kɔpem wusɔreɛ da no.Ɛno mu bi ne nea wɔdaa no adi firii ne hɔ wɔ Sahih mmienu no mu a ɛfiri Abu Hurairah hadith mu (Allah nye no ntom) sɛ Ɔkomhyɛni no (Allah nhyira ne N'asomdwoeɛ nka no) kaa sɛ:
{ Neɛ ɔbɛyɛ sotie ama me no ayɛ sotie ama Allah, na neɛ ɔbɛte me so atua no ate Allah so atua}.
Na ɛwɔ Sahih Bukhari ( Allah nye no ntom) sɛ Ɔkomhyɛni (Allah nhyira ne N'asomdwoeɛ nka no) kaa sɛ:
{ M'akyidifoɔ nyina ara bɛwura soro aheman mu agye neɛ ɔbɛpo, wɔkaa sɛ; oh Allah somafoɔ, na hwan na bɛpo? Ɔkaa sɛ: neɛ ɔbɛyɛ sotie ama me no bɛwura soro aheman mu, na neɛ ɔbɛte me so atua no apo (soro aheman no)}.
Na Ahmad, Abu Daud ne Al Hakam yii hadis bi a ne te kakyerɛ no yɛ nokware paa, sɛ Miqdam bin M'adiy Karb, sɛ Allah somani (Allah nhyira ne N'asomdwoeɛ nka no) kaa sɛ:
{ Nokware sɛ yɛama me nwoma ne nwoma no sɛsoɔ, na mobɛba abɛnya abranteɛ bi a wahyɛ n'afuru ma a ɔte n'adwa mu a wɔreka sɛ" monsɔ saa Qur'ani yi mu yie, na neɛ mobɛnya no wɔ mu sɛ ɛyɛ papa no; monyɛ no papa na neɛ mobɛnya no wɔ mu sɛ ɛyɛ akyiwadeɛ no monyɛ no akyiwadeɛ".
Na Abu Daud ne Ibn Majah yii hadis a ne te kakyerɛ no yɛ nokwar - sɛ Ibn Abi Rafi' sɛ ɔpapa tee sɛ ɔkomhyɛni (Allah nhyira ne N'asomdwoeɛ nka no) reka sɛ:
{Mennya mo mu bi sɛ ɔbɛforo n'adwa na ahyɛdeɛ bi bɛba a ɛfiri m'ahyɛdeɛ mu wɔ neɛ mahyɛ mo ho anaa neɛ mabara mo ho na ɔbɛka sɛ, "yɛnnim biribi fa ho, neɛ yɛbɛnya no wɔ Allah nwoma no mu no biara yɛdi akyire"}.
Al Hassan bn Jabir kaa sɛ metee sɛ Al Miqdam bn M'adiy Karib - Allah nye no ntom- reka sɛ:
Allah somafoɔ - Allah nhyira ne N'asomdwoeɛ nka no- bra a nneɛma bi Khaibar da na afei ɔkaa sɛ: (Mo mu bi rebɛtwa kontompo ato me so aberɛ a wagyegye ada n'adwa mu reka m'ano asɛm, na waka sɛ neɛ ɛwɔ yɛ ne mo ntam ne Allah nwoma no (Qur'an), nti neɛ yɛbɛnya no wɔ mu sɛ ɛyɛ papa no; yɛfa no papa na neɛ yɛbɛnya no wɔ mu sɛ ɛyɛ akyiwadeɛ no; yɛfa no akyiwadeɛ, enti ensipi sɛ neɛ Allah somafoɔ no ayɛ no akyiwadeɛ no te sɛ neɛ Allah ayɛ no akyiwadeɛ).
Haakim, Tirmidhi ne Ibn Maajah na yii hadisi yi a ne te kakyerɛ no yɛ nokware paa.
Na Ɔkɔmhyɛni (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) ano asɛm (Hadith) pii aba sɛ na ɔtu n'asuafoɔ no fo wɔ n'asɛnka mu sɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no mmɔ wɔn a wɔnni hɔ no amaneɛ; na waka akyerɛ wɔn sɛ: Ɔtiefoɔ bi tie nkaebɔ teaseɛ sene Amanebɔfoɔ
Na woi na ɛwɔ nokware mmienu no mu (Sahihain) sɛ ɔkomhyɛni- Allah nhyira ne N'asomdwoeɛ nka no- berɛ a ɔretu nnipa fo Arafa ne afɔrebɔ da wɔ ne haji a ɛtwa toɔ no; ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:
(Moma neɛ ɔwɔ ha mmɔ neɛ ɔnni ha amaneɛ, efisɛ ebia nea yɛrebɔ no amaneɛ no bɛte ase yie asen nea ɔdi kan teeɛ no).
Sɛ nka nyɛ sɛ ne sunnah (n'akwan) yɛ nyinasoɔ tia wɔn a wɔteeɛ ne wɔn a dawubɔ no duruu wɔn nkyɛn a, ɛna sɛ nka nyɛ sɛ ɛbɛka hɔ kɔpem atɛmmuada a nka wanhyɛ wɔn sɛ wɔmmɔ ho dawuro, nti hunu sɛ sunnah yɛ nyinasoɔ tia neɛ ɔte firii ɛmu- Allah nhyira ne N'asomdwoeɛ nka no- ne neɛ ɛbɛduru ne nkyɛn wɔ te kakyerɛ ntoatoasoɔ papa paa.
Na Allah somafoɔ no( Allah nhyira ne N'asomdwoeɛ nka no) ahokafoɔ no abɔ ne kwan no ho ban, kasa ne nneyɛɛ mu na wɔn bɔɔ ho, na wɔbɔɔ ho dawuro kyerɛɛ wɔn a wɔdi wɔn akyi, ɛna wɔnso bɔɔ ho dawuro kyerɛɛ wɔn a wɔdi wɔn akyi, na saa na na nimdefoɔ anokwafoɔ no trɛɛ mu awoɔ ntoatoasoɔ akyi awoɔ ntoatoasoɔ, ne afeha akyi afeha, na wɔboaa ano wɔ wɔn nwoma mu na wɔkyerɛkyerɛɛ ɛmu neɛ ɛyɛ nokware paa ho firii neɛ ɛyɛ merɛ ho, na wɔde mmra ne ahyɛnsodeɛ ɛda adi too wɔn ntam a ɛbɛkyerɛ nokware kwan no afiri neɛ ɛyɛ merɛ ho, na nimdefoɔ atimtim sunnah nwoma afiri (sahihain) nokware mmienu no mu ne neɛ ɛkeka ho na wɔabɔ hoo ban prɛkopɛ sɛneɛ Otumfoɔ Allah abɔ Ne nwoma ho ban afiri nsɛmhunufoɔ nsɛmhunu ho, ne wɔn a wɔnnye nni sɛ Allah wɔ hɔ ho, ne asɛesɛefoɔ nsesaeɛ ho, sɛ neɛ ɛbɛsi neɛ Ahoteeɛ nka no aka no so dua:
{Ɛsipi sɛ yɛn na yɛsanee nkaekaeɛ no, na ɛsipi sɛ yɛn na yɛbɛ bɔ ho ban}.
Na akyinnyeɛ nni mu sɛ Allah somafoɔ (Allah nhyira ne N'asomdwoeɛ no) kwan (sunnah) yɛ adiyisɛm a wasiane, na Allah abɔ ho ban sɛneɛ Wabɔ ne nwoma ho ban no, na Allah ayɛ no ahyɛde ama nimdefoɔ, a wɔpo nsakraeɛ a ɛyɛ atorɔsɛm biara ne fratamfoɔ nsɛmkeka ho, na wɔbɔ ho ban firi neɛ fratamfoɔ, nkontompofoɔ ne wɔn a wɔnnye nni sɛ Allah wɔ hɔ no de bɛka ho biara ho, ɛfiri sɛ Allah Ohoteeni no yɛɛ Ne nwoma kronkron no nkyerɛaseɛ ne mmra nkyerɛkyerɛmu a wabɔ ne tɔfa wɔ mu ne mmra a aka a Otumfoɔ nwoma no ammɔ so, te sɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛfa abɔfra nufusuo ma ho, ne mmra bi ɛfa adedie ho, ne bra wabra sɛ woreka ɔbaa ne ne sewaa (papa afa mu) ne ɔbaa ne ne sewaa (maame afa mu) abɔ mu, ne mmra afoforɔ aka a ɔkomhyɛni kwan (Sunnah) nokware no de baeɛ a wammɔ so wɔ Otumfoɔ Allah nwoma no mu no. Wɔ neɛ asuafoɔ no ne wɔn a wɔdii wɔn akyi no ne nimdeɛfoɔ a wɔdii wɔn akyi no ka faa woi ho no, neɛ asuafoɔ no ne wɔn a wɔdii wɔn akyi no ne nimdeɛfoɔ wɔdii wɔn akyi ka faa hia a ɛhia sɛ wɔdi Sunnah ni ne ɔhyɛ a ɛyɛ nhyɛ sɛ wɔde di dwuma.
Wɔ Sahihaini mu, Abu Hurayrah - Allah agye no atom - ɔkaa sɛ:
Ɛberɛ a Allah somafoɔ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) daa ne benkum so no, na Arabfoɔ no mu neɛ wɔbɛdane wɔ ani daneeɛ (gyaee Islamsom) no, Abubakar Suiddiq -Allah agye no atom - kaa sɛ: ''mede Allah di nse sɛ, mɛko atia obi biara a ɔbɛte asɔreyɛ ne ntetesoɔdudu ntam'', na Umar - Allah agye no atom - ka kyerɛɛ no sɛ, ''esidɛn na wobɛko atia wɔn, wɔ berɛ a ɔkomhyɛni - Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no - aka sɛ: << Yɛahyɛ me sɛ menko ntia amanfoɔ kɔpem sɛ wɔnom bɛka sɛ onyame biara nni hɔ a agye Allah, na sɛ wɔka saa a, wɔabɔ wɔn mogya ne wɔn ahonyadeɛ ho ban afiri me ho, agye kyɛfa a ɛnam kwan pa so >>. Na Abubakar Suiddiq kaa sɛ: ''so ntetesoɔdudu nyɛ kyɛfa a ɛyɛ kwan pa no so bi''? Mede Allah di nse sɛ, sɛ nka wɔsi me bam bi a na wɔbam Allah somafoɔ - Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no - ho kwan a, nka mɛko atia wɔn; sɛ wɔresi me ho kwan. Na Umar - Allah agye no atom - kaa sɛ: na na ɛnyɛ biribiara ka sɛ; mehunuu sɛ Allah abue Abubakar akoma mu ama akoo no, na mehununuu sɛ ɔyɛ nokwarekafoɔ.
Na asuafoɔ no - Allah agye wɔn atom - dii no akyi wɔ saa ɔkwan no so na wɔnom ko tia a wɔn a wɔagyae Islamsom no kɔpem sɛ wɔsan de wɔn baa Islamsom mu, na wɔkum neɛ ɔgyina so sɛ wagyae Islamsom no. Na saa abakwasɛm yi yɛ nyinasoɔ a ɛmu da hɔ wɔ hia a ɛhia sɛ wɔdi Sunnah ni, ne ɔhyɛ a ɛyɛ nhyɛ sɛ wɔde di dwuma. Na aberewa bi baa Abubakar - Allah agye no atom - nkyɛn a ɔrebisa no n'agyapadeɛ ho asɛm, na ɔka kyerɛɛ no sɛ:
Biribiara nni hɔ ma wo wɔ Allah nwoma no mu, na mennim; sɛ Allah somafoɔ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) hyɛɛ wo biribi a, na mɛbisa amanfoɔ. Afei ɔbisaa asuafoɔ no (Allah agye no ato mu) na wɔnom mu bi dii ho adanseɛ sɛ ɔkɔmhyɛni (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) maa aberewa bi abupɛn mu nsia a ɔhyɛ maa no, na na Umar (Allah agye no ato mu) tu n'adwumayɛfoɔ fo, sɛ wɔnfa Allah nwoma no na nni nnipa ntam asɛm, na sɛ wɔanya nhyehyɛeɛ (ɛfa asɛm no ho a), wɔnfa Allah somafoɔ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) n'akwan so.
Na berɛ a n'adwene mu yɛɛ no naa wɔ atɛmmua a ɛfa ɔbaa bi a wapɔn; ɛyɛ obi a ɔpɔnn ne ba ɛnam boro a obi boo no, asuafoɔ no (Allah agye wɔn ato mu) bisa faa saa asɛm no ho, ɛna Muhammad bin Muslimah ne Mugiratu bin Shu'bah (Allah agye wɔn ato mu) dii ho adanseɛ sɛ; ɔkɔmhyɛni (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) buaa sɛ ɔde akoa anaa afena na bɛkɔ sɛ mpata sika, ɛna ɔde ɛno buu atɛn- Allah agye no ato mu-.
Na berɛ a Uthman (Allah agye no ato mu) adwene mu yɛɛ no naa wɔ nhyehyɛeɛ ɛfa kunafoɔ baa ka a ɔka ne fie wɔ okunu wuo akyi no, ɛna Faree'ah bint Malik bin Sinan; ɛyɛ Abii Sa'eed nua baa (Allah agye no ato mu) bɔɔ no amaneɛ sɛ; ɔkɔmhyɛni (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) hyɛɛ no wɔ ne kunu wuo akyi sɛ ɔnka ne kunu fie mu kɔpem sɛ berɛ a wahyehyɛ ato hɔ no bɛso; ɔde ɛno buaa atɛn (Allah agye no ato mu).
Na saa na ɔde sunnah (ɔkɔmhyɛni asɛm) so de gyinaa nsanom asotwe wɔ Al Walid bin Uqbah so, na berɛ a ɛduruu Ali so no (Allah agye no ato mu), sɛ Uthman (Allah agye no ato mu) rebra anigyeɛ a ɛwɔ hajji mu ma Ali ne n'asefoɔ (Allah agye no ato mu) ɛyɛ hajji ne umrah nyinaa; na ɔkaa sɛ: ''Mennyae Allah somafoɔ no asɛm (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) ɛnkɔfa onipa biara asɛm. Berɛ a nnipa binom yɛɛ ɔyɛkyerɛ wɔ Ibn Abass so, ɛfa Abi Bakar ne Umar (Allah agye wɔn ato mu) asɛm a ɛfa hajji anigyeɛ ho, sɛnka ɔbɛyi hajj nko ara asi hɔ, Ibn Abbas kaa sɛ: ''Aboa firi soro rebɛsiane agu mo so, mereka sɛ: Allah somafoɔ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) se; na moreka sɛ Abu Bakar ne Umar se. Na sɛ deɛ ɔnam Abu Bakr ne Umar asɛm so rebu ɔkɔmhyɛni asɛm so suro asotwee a, na ɛneɛ sɛn na teɛ wɔ obi a ɔbɛnam n'adwenkyerɛ ne ne mmɔdemmɔ so abu so, na berɛ a nipadɔm bi ne Abdallah bin Umar Allah (agye no ato mu) nyaa akasakasa wɔ ɔkɔmhyɛni akwan (sunnah) bi so no, Abdallah ka kyerɛɛ no sɛ: ''Ɛnti yɛahyɛ yɛn sɛ yɛnni Umar akyi anaa sɛ sunnah akyi'' ?(ɔkɔmhyɛni akwan so).
Na berɛ a abranteɛ bi ka kyerɛɛ Imran bin Hasin, (Allah agye wɔn mmienu ato mu): yɛreka Allah nwoma no ho asɛm kyerɛ wɔn na ɔreka sunnah ho asɛm kyerɛ wɔn abufuo mu (Allah agye no ato mu). Na ɔkaa sɛ: Esipi sɛ sunnah na ɛkyerɛkyerɛ Allah nwoma no mu, sɛnka nyɛ sunnah a nka yɛnhu sɛ Zuhr asɔre yɛ raka' ɛnan, na Magrib nso yɛ raka' mmiɛnsa, na Fajr nso yɛ raka' mmienu, nka yɛnhu zakat (ntetesoɔdu) ho nhyehyɛeɛ, agye deɛ sunnah debaeɛ a ɛrekyerɛkyerɛ mmrasɛm no mu pefee. Na asuafoɔ no anamɔntuo (Allah agye wɔn ato mu) wɔ sɛneɛ wɔkrɔn sunnah ma wɔhyɛ wɔn ho sɛ wɔde bɛdi dwuma ne ahwɛyie sɛ wɔnyɛ n'adane dɔɔso yie, na ɛno ho bio na Abdallah bin Umar (Allah agye wɔn ato mu) berɛ a ɔde ɔkɔmhyɛni asɛm kasaeɛ- {Mamo nsi Allah mfenaa ho kwan wɔ Allah afie mu ( masaajid)}.
Ne mma nom bi kaa sɛ: mede Allah di nse sɛ mɛsi wɔn ho kwan, na Abdallah bo fuu no na ɔyɛɛ no ɔyɛ a ɛmu yɛ den; na ɔkaa sɛ: ''Mereka sɛ; Allah somafoɔ no see, na woreka sɛ wodɔ Allah sɛ wobɛsi wɔn kwan''. Na berɛ a Abdullah bin Al Mughaffal Al Muzani (Allah gye no ato mu), na ɔka Allah somafoɔ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) asuafoɔ no ho; hunuu sɛ n'abusuafoɔ mu bi rekum (awudie a ɛmu yɛ den) no ɔbraa no firii ho, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ''esipi sɛ ɔkɔmhyɛni (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) abra saa mmoakum kwan no; na ɔkaa sɛ: esipi sɛ saa awudie kwan no nkum aboa anaa ɔtamfo bi agye sɛ ɛbu ne se gum na atutu n'ani''. Ɛno akyi no ɔsan hunuu sɛ ɔsan reyɛ bio, na ɔkaa sɛ: 'mede Allah di nse sɛ menkasa wo ho bio da'', maka akyerɛ wo sɛ Allah somafoɔ no abra sɛ wobɛkum wɔ saa kwan no so; ɛna wasan akɔyɛ bio?
Na Bayhaqi nso de baa sɛ, Ayyub Asukhtiyaniyu Attab'ii Al Jalil kaa sɛ: Sɛ meka sunnah ho asɛm bi kyerɛ obi na ɔka sɛ gyae woi na ka qur'an ho asɛm kyerɛ yɛn a, na hunu sɛ ɔwɔ ɔyera kwan so. Na Al Awza'ii (Allah nhu no mmɔbɔ) kaa sɛ: Sunna yɛ mmrasɛm a ɛgyina nwoma (qur'an) no so, anaa sɛ ɛrefoɔ deɛ aka no so, anaasɛ mmrasɛm a wanka no wɔ nwoma (qur'an) no mu, sɛ neɛ ɛwɔ Allah Ɔhoteeni no asɛm no mu no:
{Na Yɛsianee nkaekaesɛm maa wo sɛneɛ wobɛkyerɛkyerɛ neɛ ɔsane maa wɔn no mu akyerɛ wɔn; ebia na wɔde akɔ adwendwene mu}.
Na Okomhyɛni nyame nhyira ne asomudwoe nka no Ano mu asɛm adikane sɛ : Mo ntie Ɛsipi sɛ yɛmaa me nwoma yi ɛna ne sɛsoɔ a ɛka ho.
Na Bayhaqiy de baa sɛ, 'Aamir Ash'abiy ( Allah nhu no mmɔbɔ) ka kyerɛɛ nkorɔfoɔ binom sɛ:
''Esipi sɛ mo sɛeɛ bɛfiri berɛ mobɛgyae nkaedum; kyerɛ sɛ ɔkɔmhyɛni ano asɛm papa no''. Na Bayhaqiy saa de baa sɛ, Awzaa'ii (Allah nhu no mmɔbɔ) ka kyerɛɛ no akyidifoɔ bi sɛ: ''Sɛ Allah somafoɔ no ano asɛm bi duru wo nkyɛn a; hwɛ yie na wanka biribi foforɔ biara ɛnka ho, ɛfiri sɛ na Allah somafoɔ no ɔgye no nsɛm no firi Allah Okokuroko no nkyɛn''.
Ɛna Bayhaqiy saa de baa sɛ, Imam Jalil Sufyan bin Saeed Athawri (Allah nhi no mmɔbɔ) kaa sɛ: ''Esipi sɛ nimdeɛ nyinaa ne sɛ wobɛhu tete nkaedum''. Malik (Allah nhi no mmɔbɔ) nso kaa sɛ: ''Yɛn mu biara nni hɔ agye sɛ wɔpo na wɔ ne no di nyiyiano agye saa adakamina woi wura, ɛna ɔde ne nsa kyerɛɛ Allah somafoɔ(Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) adakamina so.
Na Abu Hanifa (Allah nho no mmɔbɔ) kaa sɛ: Sɛ Allah somafoɔ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) ano asɛm ba a; na ɛda tire ne ani so (kyerɛ sɛ biribiara nni n'akyi).
Na Ashafi'ii (Allah nhu no mmɔbɔ) kaa sɛ: Berɛ biara a mɛka Allah somafoɔ no ano asɛm bi a ɛyɛ nokware afiri ne nkyɛn (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) na manni (asɛm no) akyi, na meredi danseɛ sɛ m'adwene nni hɔ.
Ɔsan nso kaa sɛ (Allah nhu no mmɔbɔ): ''Sɛ meka biribi na sɛ Allah somafoɔ no ano asɛm bi ba a ɛne m'asɛm no bɔ abira a; monfa m'asɛm no mmɔ dan ( kyerɛ sɛ monto ntwene).
Imam Ahmad bin Hambali (Allah nhu no mmɔbɔ) nso ka kyerɛɛ n'asuafoɔ binom sɛ: ''Ma monsuasua me anaa Maaliki anaa Shaafi'i na mmom monsua nfiri baabi a yɛnso yɛsua firiiɛ.
Na ɔsan kaa sɛ (Allah nhu no mmɔbɔ): ''Nkorɔfoɔ binom yɛ me nwanwa sɛ wɔnom ahunu sɛ (hadithi) bi ntoatoasoɔ ne ne papa a ɛyɛ firi Allah somafoɔ no hɔ, na wɔnom asan aka sɛ yɛrekɔ Sufyan hɔ. Aberɛ Allah Ɔhoteeni no reka sɛ: { Mo ma wɔn a wɔn ne n'ahyɛdeɛ bɔ abira no nhwɛ yie na musuo anto wɔn anaa sɛ mpɔnsee ano ɛyɛ yie anto wɔn}.
Ɔkaa sɛ: wonim adeɛ a ɛyɛ musuo? Musuo yɛ mmataho bi a ebia a sɛ ɔpo ne nsɛm no mu bi a (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) sɛ ɔyera kwan bi bɛtɔ n'akoma mu, na ama no asɛe.
Na Bayhaqiy de baa sɛ, Mujahid bin Jabr Attabi'ee Al Jalil sɛ ɔkenkan firii Ɔhoteeni no nsɛm mu:
{Na sɛ mo adwene nhyia wɔ biribi ho a; monfa nkɔ Allah ne ɔsomafoɔ no nkyɛn}.
Ɔkaa sɛ: Yɛde resan akɔ Allah nkyɛn ne sɛ yɛrekɔ nwoma (qur'an) no mu, ɛna yɛde kɔ ɔsomafoɔ no hɔ ne sɛ yɛrekɔ akɔhwɛ n'anamɔntuo (sunnah) mu. Na Bayhaqiy de baa sɛ, Az Zuhri (Allah nhu no mmɔbɔ) kaa sɛ: ''Na yɛn nwomanimfoɔ a atwa mu no ka sɛ, sɛ wobɛsɔ sunnah mu yie no yɛ nkwagyeɛ''. Na Ibun Kudaama (Allah nhu no mmɔbɔ) aka wɔ ne Nwoma ɛyɛ (Rawdatu Naazir) mu ɛfa mmera ne nhyehyɛeɛ ahyaseɛ a Ɔka faa ho sɛ: Adansedie nnyinasoɔ a ɛtɔ so mmienu ne sɛ: Onyankopɔn Somafoɔ Sunnah - (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) - ne Nyankopɔn Somafoɔ no nsɛm - (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) - ɛyɛ adanseɛ a ɛrekyerɛ anwanwadeɛ adansedie a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ nokorɛfoɔ, ne Onyankopɔn ahyɛde a ɛne sɛ wɔnyɛ sotie ma no, ne Nekɔkɔbɔ a wabɔ ɛfa Asoɔden wɔ n’ahyɛde a wahyɛ so.
Botaeɛ no awieɛ nie.
Na Alhaafiz Ibin Kasiir (Onyame nhu no mmɔbɔ) aka wɔ Nyame kokuroko asɛm yi (Aaya) nkyerɛkyerɛ mu sɛ:
{Enti wͻn a wͻne (Ɔkͻmhyεni) ahyεdeε bᴐ abira no, wͻnhwε yie na mmusuo bi anto wͻn, anaasε asotwee bi a εyε ya paa bi anto wͻn}.
Ɛne sɛ; ɛfa Allah somafoɔ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) ahyɛdeɛ so, na ɛno ne ne kwan, n'ayɛsuo, ne sa, n'anamɔntuo, ne ne mmrasɛm, nti wɔde ne nkasaeɛ ne ne nnwumadie na susu nkasaeɛ ne nnwumadie, na deɛ ɛne no bɛkɔ no wagye ato mu, na deɛ ɛne no bɔ abira no nso wɔbɛpo neɛ ɔreka ne neɛ ɔreyɛ no sɛ neɛ oniakorɔ siteɛ biara.
Ɛtesɛ sedeɛ Wada no adi nso wɔ Sahih mmienu no mu ne afoforɔ nso Ɛfiri Onyankopɔn Somafoɔ - Nyame nhyira ne n'asomdwoe nka no hɔ - sɛ ɔkaa saa:
“Obiara a ɔbɛyɛ dwumadie bi a ɛne yɛn asɛm yi nhyia no, yɛpo dwumadie no.
Ɛne sɛ, Ɔnsuro na Ɔnhwɛ yie wɔn a wɔndwumadie ne Anabi Sharia bɔ abera sɛ adaade anaasɛ asuma.
Sɛ Sɔhwɛ bi bɛ to wɔn
Ɛne sɛ, wɔ wɔn akoma mu a bɔneaɛ, anaa nyaatwom, anaa sakratom (Bidia).
Anaasɛ asotwe a ɛyɛ yaw bi bɛ to wɔn.
Ɛne sɛ, ewiase yi mu, ɛne awudie, asotwe, afiasenna, anaa nea ɛtete saa, sɛnea Imam Ahmad kaa ho asɛm no, Abd al-Razzaq ka kyerɛɛ yɛn, Muammar ka kyerɛɛ yɛn, wɔ Hammam bin Munabbih tumi so no, ɔkaa sɛ: Wei ne nea Abu Hurairah ka kyerɛɛ yɛn, ɔkaa sɛ: Onyankopɔn Somafoɔ no - Onyankopɔn nhyira ne N'asomdwoeɛ nka no - kaa sɛ:
<
Wɔn mienu nayi firii Abdur Razak hadisi no mu.
Na As-Suyuuti- Allah nhunu no mmɔbɔ- kaa no wɔ no nwoma wato din "ɔsoro aheman mu safoɔ, ɛdefa (sunnan) ɔkwan a wɔde frɛ so , ɛkenkan sɛ:
Monhunu- Allah nhunu mo mmɔbɔ- sɛ obia a ɔbɛpo sɛ ɔkomhyɛni ano asɛm- Allah nhyira ne N'asomdwoeɛ nka no- sɛ ɛyɛ asɛmka anaa sɛ nneyɛɛ wɔ berɛ a yɛnim no mfitiaseɛ sɛ ɛyɛ nyinasoɔ no, ayɛ bonniayɛ na wafiri Islam kyinhyia no mu, na wɔbɛboa n'ano afra Yudafoɔ anaa Akristofoɔ anaa abonniayɛfoɔ kuo biara a Allah pɛ mu.
Asɛm no botae nyinaa no no.
Na amanebɔ pii a ɛfa ɔkomhyɛni asuafoɔ no ho, ne wɔn a wɔdii wɔn akyi, na wɔn nso akyi no ɛyɛ nwoma nimdiefoɔ a wɔkrɔn sunnah ne ahyɛdeɛ ɛwɔ mu sɛ wɔde di dwuma, na wɔbɔ kɔkɔ fa n'abirabɔ ho yɛ bebree pii, na m'anidasoɔ ne sɛ neɛ yɛaka wɔ adiyisɛm mu, ɔkomhyɛni ano asɛm ne amanebɔ yi nyinaa bɛsipi na atumi asesa neɛ wɔrehwehwɛ nokware adwene, na yɛsrɛ nkonim firi Allah nkyɛn ma yɛ ho ne muslimifoɔ nyina ara ɛfa neɛ N'ani sɔ ho, ne asomdwoeɛ ɛfa neɛ ɛma Ne bofu ho, na Ɔntene yɛ nyinaa nkɔ Ne kwantenenee no so, ɛfiri sɛ Ɔno na Ɔte biribiara na Ɔbɛn yɛn.
Na Allah nhyira ne N'asomdwoeɛ nka N'akoa ne Ne somafoɔ; yɛ komhyɛni Mohammad, ne n'abusuafoɔ ne n'ahokafoɔ (asuafoɔ) ne n'akyidifoɔ a wɔdi n'akyi wɔ papa kwan so.
'Abdul 'Aziz bin 'Abdullah bin Baaz- Allah nhunu no mmɔbɔ-.