مقدمة المختصر وربع يس - عام

مقدمة المختصر وربع يس - عام

مقدمة كتاب (المختصر في التفسير) وهو إصدار مبسط وشامل لتفسير القرآن الكريم، تم إعداده ليسهل على القارئ فهم معاني الآيات وتدبرها. يتميز الكتاب بالوضوح والدقة في الشرح، مع الاعتماد على المصادر الموثوقة في التفسير، مثل تفاسير ابن كثير والطبري والقرطبي. يتناول الكتاب معاني الكلمات الصعبة، ويفسر الآيات بما يتناسب مع السياق العام للسورة، مما يجعله مرجعاً مفيداً لجميع فئات المجتمع، سواء كانوا طلاب علم أو عامة الناس.

Language: lang_ak
Prepared by:
Version: 1.0
Translations 8
Akan Azerbaijani Bosnian Fula +4
Attachments 7
PDF
Audio
Video
+3

Nnianimu asɛm a ɛfa tɔfabɔ no ho ne Qur'ani nkyɛmu nnan (Yasiin) ho, ne nsononsoeɛ ɛda Qur'ani nkyɛmu nnan (Yasiin) wɔ Akan kasa mu.

Nkyerɛkyerɛmu no Nnianimu asɛm wɔ Akan kasa mu.

Aseda wɔ Allah a Ɔsianee nwoma maa N'akoa na Wamma nkyeaɛ biara amma mu, na mpae ne asomdwoeɛ nka yɛ kɔmhyɛnii Muhammad, ɛne n'abusuafoɔ ne n'asuafoɔ ɛne wɔn a wɔde nokware bɛdi wɔnom akyi akɔpem atɛmmuada.. Wei akyi no

Esipi sɛ anamɔn a edi mu a ɔdasani bɛtu no wɔ n'asetena mu nyina ara ne, anamɔn a ɔne Allah Okokuroko no ano asɛm bɛtu.

Na Qur'ani Kronkron no ne:

Ɔsoro Nwoma no mu baakopɛ a akyinnyegyeɛ biara nni ho sɛ ɛfiri Ɔbɔadeɛ Ɔhoteeni Okokuroko no, Okokuroko no kaa sɛ:

Saa nwoma (Kuran) no akyinnyegye biara nni mu. [Al-Bakara :2]

Nwoma a ɛboaboa nneɛma a ɛma anigyeɛ, papa, ahobanbɔ ne akomatɔeɛmu ano ma nnipa nyina ara, Okokuroko no kaa sɛ:

{Ɛsipi sɛ saa Kuran (Qur'an) yi retene kɔ deɛ ɛyɛ kwan tenenee so}. [Al-Israa:9].

Nwoma (Kuran) no a Onyame kokuroko aka wɔ mu se:

Atorɔsɛm biara ntumi mma ho sɛ ɛfiri n'anim anaa n'akyi, ɛyɛ adiyisɛm a ɛfiri Nyansahene neɛ Ɔfata ayeyie no nkyɛn. [Fussilat:42].

Nwoma a Ɔbɔadeɛ no ahyɛ bɔ sɛ Ɔbɛbɔ ho ban afiri nsesaeɛ ne nsakraeɛ biara ho, nkekaho ne ntesoɔ ho, Okokuroko no kaa sɛ:

{Ɛsipi sɛ yɛn na yɛsanee nkaekaeɛ no, na ɛsipi sɛ yɛn na yɛbɛ bɔ ho ban}. Al-Hijir: 9

Nwoma no a ɛyɛ Allah nsɛnka ma nnipa nyina ara no, Okokuroko no kaa sɛ:

Ɛnyɛ biribiara sɛ nkaekaeɛ de ma wiase nyina ara. Suratu Saad: 87

Nwoma a ɛgyina hɔ ma adanseɛ a edi mu fa Muhammad (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) nkɔmhyɛ no ho, ne anwanwadeɛ a ɛwɔ mu nyina ara wɔ No nhyehyɛeɛ mu, ɛne N'amanebɔ a ɛfa wiase ho neɛ asuma ne neɛ ada adi, ɛne Ne mmrasɛm ho, ɛne ɛso asɛnnennen a ɛwɔ nnipa ne mmoatia so, Okokuroko no kaa sɛ:

{ Kasɛ nasɛ mo boa mo ano nipa ɛne jinn sɛ mopɛsɛ mo de saa quraan yi nsɛsoɔ bi ɛbaa, ɛnyɛ adeɛ a mobɛtumi ɛde aba ɛfa nensɛsoɔ ɛna sanka ɛyɛ adeɛ a ɛyɛ ɔmo mu bi mmoa ma binom koraa }. [Al-Israa 88]

Wɔde Koran Kronkron no siane baa Muhammad koma so, asomdwoe nka no, ɛnam Ɔbɔfoɔ Gabriel nokwafo so, wɔ Arabic kasa a ɛmu da hɔ mu. Otumfoɔ kaa sɛ:

Na ɛsipi sɛ yɛ sanee saa nhoma yi firi abɔdeɛ nyina wura nkyɛn. Ɔbɔfoɔ gabera na de sanee yɛ. Ɛsanee baa wo so (w'akuma) sɛ wo bɛ ka kɔkɔbɔfoɔ ho. Ɛsanee wɔ tɛkyerɛma a ɛyɛ Arab kasa mu. [Suratul Su`ara 192-195]

Ɔkɔmhyɛni Muhammad Onyame nhyira ne n'asomudwoe nka no bɔɔ dawubɔ ɛfa Kur’aan ne ne nsɛm nkyerɛkyerɛ ho sɛdeɛ Allah ahyɛ no, na ɔ Ɔkaa sɛ:

(Na Yɛ sanee Nkaekae (Kuran) no baa wo so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wo bɛyɛ nkyerɛkyerɛ a ɛda adi akyerɛ Nipa ɛfa deɛ Yɛ sane baa wɔn so, sɛdeɛ wɔn bɛ dwendwene ho) Suratul Nahal: 44;

Ɛne sɛ ''Qur'ani'' kronkron no su baako a ɛhia pa ara ne no mmerɛyɔ wɔ n'akenkan ne ne nteaseɛ mu, Allah Okokuroko no kaa sɛ:

Na esipi sɛ Yɛayɛ Qur'ani no nkaekaeɛ merɛ; so obi wɔ hɔ a ɔbɛkaekae anaa? [Al-Qamar :17].

Na na asuafoɔ animmuonyamfoɔ (Allah agye wɔn atom) nom ne dɔm a wɔwɔ Qur'ani Kronkron no ho nimdeɛ pa ara na wɔde di dwuma. Ɛfiri sɛ wɔnom pɛn so na wɔsianeeɛ na wɔgye firii Allah somafoɔ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) nkyɛn, na berɛ a Arab kasa no yɛɛ merɛ wɔ nnipa tɛkrɛma so no na mmerɛ a ɛda yikyerɛ no ho yɛɛ tenten no, amanfoɔ pɛ a na wɔpɛ sɛ obi nkyerɛkyerɛ Allah asɛm no mu nkyerɛ wɔn no mu yɛɛ den, ɛna nkyerɛkyerɛmu adwuma ahodoɔ pii pueɛ wɔ akwan ahodoɔ so, ɛna nkyerɛkyerɛmu a ɛnyɛ nokware nso pueɛ wɔ boapayɔ anaa ɛnyɛ boapayɔ kwan so.

Na ɛho bɛhia wɔ saa berɛ yi mu sɛ yɛnya nkyerɛkyerɛmu tiawa a ɛyɛ papa na ɛyɛ merɛ, na saa dwumadie yi teɛ, na ɛno ne;

''Qur'ani Kronkron no mu nkyerɛkyerɛmu tiawa''.

A ɛka nneɛma a ɛdidisoɔ yi nyina ara bɔ mu:

Nsɛmfua nkyerɛkyerɛmu a ɛmu da hɔ na ɛyɛ merɛ.

Woregyina yikyerɛ no nkyerɛaseɛ ne ne nkyerɛkyerɛmu ho aberɛ a wonwura nsɛmbisa a ɛfa akenkan no ho, ne kasa nkyekyɛmu ho, ne ɛsom no ho mmrasɛm ne neɛ ɛkeka ho.

Qur'ani nsɛmfua a ɛyɛ foforɔ nkyerɛkyerɛmu wɔ nkyerɛkyerɛmu no mu.

Sɛ wobɛdi Qur'ani nkyerɛkyerɛmu pa kwan so, wɔ berɛ a worefa nkyerɛkyerɛmu pa a ɛfiri Ɔkɔmhyɛni (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no), ne asuafoɔ no nkyerɛkyerɛmu, ne wɔn a ɛdii asuafoɔ no akyi ne wɔn a ɛdii wɔnom nso akyi; (Allah nnye wɔn ntom), ne woresɔ nkyerɛkyerɛmu fapem a ɛyɛ papa no mu.

Hwehwɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛfata paa wɔ akyinnyeɛ berɛ mu, wɔ berɛ a worehwɛ mmara a ɛwɔ nkyerɛkyerɛmu mu ne nnyinasoɔ a wɔn a wɔyɛ nkyerɛkyerɛmu fa so susu nkyerɛmu papa ho.

Wabobɔ akwankyerɛ ne mfasoɔ ahodoɔ binom wɔ krataa biara ase, ne neɛ ɛboa ma nteaseɛ ne mfasoɔ a ɛwie pɛyɔ, wɔ atisɛm foforɔ ase, a ɛka mfasoɔ a ɛwɔ yikyerɛ no so.

Nkyerɛkyerɛmu wɔ yikyerɛ biara anim ɛfa berɛ a wɔsianeeɛ; sɛ ɛyɛ (Makka anaa sɛ Madina), ne nkyerɛkyerɛmu tiawa ɛfa botaeɛ titiriw a ɛwɔ mu ho.

Watwerɛ saa nkyerɛaseɛ yi wɔ Qur'ani Kronkron no ase.

Na saa tɔfabɔ yi atwerɛ, ne emu npɛnsɛnpɛnsɛn mu ne ɛso hwɛ gyina nimdefoɔ atitiriw binom a wɔnom akwadire Qur'an nkyerɛkyerɛmu ne gyedie ho nimdeɛ mu a wɔfiri muslimifoɔ nkuro ahodoɔ so.

Wɔ mmɔdemmɔ mu sɛ wɔbɛdu saa adwuma yi botaeɛ ho na wɔatrɛ mu wɔ wiase nyinaa, na wɔagyina ahyɛdeɛ sɛ wɔretrɛ Qur'ani Kronkron no akwankyerɛ mu ma no du nnipa nyina ara nkyɛn no, na wɔaboa atrɛ anigyeɛ fapem mu, ne ahummɔborɔ, ahobanbɔ wɔ wiase yi mu, dwumadie yi ahyɛ ma wɔ nkyerɛkyerɛmu tɔfa wɔ Akan kasa mu.

Kasa no (###)

Na saa dwumadie yi kɔ si:

Akannifoɔ wɔ Nkyerɛkyerɛmu mu Asoeɛ

Sɛ neɛ ɛbɛyɛ a wɔde bɛbɔ Qur'ani nkyerɛaseɛ ho dawuro akyerɛ wɔn a wɔka saa kasa yi; sɛ neɛ ɛbɛboa wɔn ama wɔate Qur'ani nkyerɛaseɛ ase wɔ ɔmerɛ kwan so, na wɔde neɛ ɛwɔ mu adi dwuma.

Na yɛrehwɛ sɛ Allah bɛma saa botaeɛ kronkron yi a ɛfa nkyerɛaseɛ yi ho aba mu, a yɛabɔ mmɔden kɛseɛ sɛ yɛbɛhwehwɛ mu yie na yɛafeefee mu na yɛati mu ahwehwɛ mu biom sɛ neɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛba yie ama akenkanfoɔ, sɛneɛ ɛbɛde ne ho afiri nyansahunu mu mfomsoɔ ahodoɔ ho, na ɛmu nteaseɛ ayɛ merɛ ama obibiara a ɔbɛkenkan no wɔ saa kasa yi mu.

Ɛreba awieɛ no

Woi ne ntimtim a edi kan wɔ mmienu mu a ɛfiri tɔfabɔ wɔ Qur'ani Kronkron no nkyerɛkyerɛmu kɔ Akan kasa mu, a yɛn ani abere sɛ yɛbɛkyerɛ aseɛ denam akwan a ɛdidi soɔ yi so:

Nkyerɛaseɛ.

Nsiesiei wɔ nsɛmfua no mu.

Nhwehwɛmu wɔ Islam mmara kwan so.

Adansedi ne Nwoma tintim.

Asiesie ne kankrɔ.

Na nokware y'abɔ mmɔden apɛ Nokware, ɛna mmɔdemmɔ a ɛde yɛn aduru dwumadie yi awieɛ, Na ɛmu deɛ ayɛ pɛpɛɛpɛ no ɛnam Onyame adom ne Ne mmoa, na ɛmu nea ɛyɛ mfomsoɔ no ɛfiri yɛn kraa, Na yɛserɛ Onyankopɔn Allah kokroko sɛ ɔmfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn, na Ɔmma saa Nkyerɛaseɛ yi nyɛ mfasoɔ mma Onipa, na wɔn ngyentomu na Ɔno Allah na yɛ Kronkronni yɛserɛ no Nkunimfoɔ a yɛ daa no.

Na yɛreda obibiara a ɔbɔɔ mmɔden sɛ saa nkyerɛaseɛ yi ne ne nsiesie bɛgyina, na yɛresrɛ sɛ wode w'adwenkyerɛ anaa wo nsusueɛ biara bɛba sɛneɛ yɛdebɛtu mpɔn de Qur'ani Kronkron nkyerɛmu tiawa no akɔ abɛɛfo ntentan kɛseɛ no so.

www.mokhtasr.com

Abɛɛfo tentain so(Email)

Nimdefoɔ atinase kuo.

Hyehyɛbea nhwehwɛeɛ a ɛnam yikyerɛ no din so.

Ne Nkyerɛkyerɛ ɛfa neɛ ɛyɛ Makka ne Madinah Surah wɔ mu

Suura

Ne dodo

Kratafa.

Nkyerɛkyerɛ tiawa wɔ Quran Kronkron nkyerɛaseɛ ho.

Al-Faatiha ɛna Yasin nkyekyɛmu nnan

Asɛm yi wɔ Arab Kasa mu

Nkyerɛaseɛ

Suratul Faatiha ɛne Yaasin nkyekyɛmu nnan, Nkyerɛkyerɛ tiawa wɔ Quran Kronkron nkyerɛaseɛ Nwoma.

Ne Nkyerɛase.

Akwannya ahodoɔ a wobɛfa so anya nwoma yi naa y'abɔ ho ban.

Ne Nkyerɛase

Ɛwɔ Darul Muhtasari Linnashri wa ttawzii.

Ne Nkyerɛase

Nwoma yi atwerɛ a ɛdikan 1445 هـ 2023.

Ne Nkyerɛase

Akwanya da hɔ ma apapafo dɔmkuo ɛne dwadifo berɛ a wɔn nsa aka krataa firi (Darul-Muhtasari Linnayhri wa ttawzii).

Ne Nkyerɛase

Saudi Arabia - Makkatul Mukarramah (Mɛka Asaase).

Ne Nkyerɛase

Me hyɛase wɔ Nyame din mu Hommɔborɔ hene Ɔdɛɛfoɔ hene.

Ne Nkyerɛase.

Ɛnfitiaseɛ no.

Ne Nkyerɛase.

Aseda wɔ Allah a Ɔsianee nwoma (Qur'ani) maa N'akoa; na Wamma nkyeaeɛ biara amma mu, na nhyira ne asomdwoeɛ nka yɛn kɔmhyɛni Muhammad; ɛne n'abusuafoɔ ne n'asuafoɔ no nyina ara, ɛne obi a ɔbɛdi wɔn akyi wɔ papa kwan so akɔpem atɛmmuada no. Woi akyiri no:

Wɔ mmɔdemmɔ kwan so sɛ wɔbɛma nwoma (Qur'ani) yikyerɛ no nkyerɛaseɛ abɛn akenkanfoɔ no, neɛ ɛpue firii wɔn mu pɔtee ne saa ɔfa yi: ''Fatiha- (Qur'ani nkyemu nnan mu baako) Yasiin'' denam Qur'ani Kronkron no nkyerɛmu tiawa nkyerɛaseɛ so kɔ Akan kasa mu, wɔn a wɔredi dwuma yi ahwɛ sɛ wɔbɛka nneɛma ɛdidi soɔ yi abɔm.

Nsɛmfua nkyerɛkyerɛmu a ɛmu da hɔ na ɛyɛ merɛ.

Woregyina yikyerɛ no nkyerɛaseɛ ne ne nkyerɛkyerɛmu ho aberɛ a wonwura nsɛmbisa a ɛfa akenkan no ho, ne kasa nkyekyɛmu ho, ne ɛsom no ho mmrasɛm ne neɛ ɛkeka ho.

Nkyerɛase ɛfa kuran Nsɛmfoa foforɔ wɔ Nkyerɛkyerɛ no mu

Sɛ wobɛdi Qur'ani nkyerɛkyerɛmu pa kwan so, wɔ berɛ a worefa nkyerɛkyerɛmu pa a ɛfiri Ɔkɔmhyɛni (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no), ne asuafoɔ no nkyerɛkyerɛmu, ne wɔn a ɛdii asuafoɔ no akyi ne wɔn a ɛdii wɔnom nso akyi; (Allah nnye wɔn ntom), ne woresɔ nkyerɛkyerɛmu fapem a ɛyɛ papa no mu.

Hwehwɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛfata paa wɔ akyinnyeɛ berɛ mu, wɔ berɛ a worehwɛ mmara a ɛwɔ nkyerɛkyerɛmu mu ne nnyinasoɔ a wɔn a wɔyɛ nkyerɛkyerɛmu fa so susu nkyerɛmu papa ho.

Wabobɔ akwankyerɛ ne mfasoɔ ahodoɔ binom wɔ krataa biara ase, ne neɛ ɛboa ma nteaseɛ ne mfasoɔ a ɛwie pɛyɔ, wɔ atisɛm foforɔ ase, a ɛka mfasoɔ a ɛwɔ yikyerɛ no so.

Nkyerɛkyerɛmu wɔ yikyerɛ biara anim ɛfa berɛ a wɔsianeeɛ; sɛ ɛyɛ (Makka anaa sɛ Madina), ne nkyerɛkyerɛmu tiawa ɛfa mfasoɔ titiriw a ɛwɔ mu ho.

Wɔboaboa deɛ edikan no nyina ara ano na watwerɛ no wɔ Qur'ani atwerɛ atifisɛm no ase; ɛma nkyemu nnan Yasiin no.

Yɛresrɛ Allah Ɔyamyɛni nkyɛn nkonim ne nnyetom, na yɛreda obibiara a ɔbɔɔ mmɔden sɛ saa nkyerɛaseɛ yi ne ne nsiesie bɛgyina, na yɛresrɛ sɛ wode w'adwenkyerɛ anaa wo nsusueɛ biara bɛba sɛneɛ yɛdebɛtu mpɔn de Qur'ani Kronkron nkyerɛmu tiawa no akɔ abɛɛfo ntentan kɛseɛ no so.

(www.mokhtasr.com)

www.mokhtasr.com

Abɛɛfo tentain so (Email)

Yɛwɔ anidasoɔ sɛ yɛbɛsiesie atwerɛmma a ate wɔn ho wɔ nkyemu nnan mu baako (Yasiin) mu no wɔ berɛ a yɛresesa 'suratu Baqara' akɔ hyɛ 'suratu Yasiin' anan mu na yɛayɛ nsesaeɛ a ɛfata.

Asɛm yi wɔ Arab Kasa mu

Nkyerɛaseɛ

{Ya Siin} : woi ka atwerɛmma no a wɔde dii yikyerɛ no binom anim wɔ Qur'ani no mu, na ɛyɛ Arabic atwerɛmma a nteaseɛ nni mu sɛ ɛno nko ara gyina hɔ te sɛ (a, b, t, ɛkɔpem awieɛ), mmom adwene ne nteaseɛ wɔ mu, ɛfiri sɛ yɛnni adeɛ a nyansa nni mu wɔ Qur'ani mu, na nyansasua a ɛdi mu wɔ ho pa ara no bi ne: ɛrekyerɛ asɛnnennen a ɛwɔ Qur'ani a yɛde atwerɛmma a wɔnim no dada na wɔde kasa, ɛno nti na mprɛ dodoɔ no ara wɔbɔ Qur'ani Kronkron no din wɔ n'akyi no, sɛ neɛ ɛwɔ saa yikyerɛ yi mu no.

Wɔde atwerɛmma a ate wɔn ho na hyɛɛ nkɔmmɔdie no ase wɔ saa yikyerɛ yi anim, Mede Qur'ani a ɛkaekae nnipa deɛ ɛbɛboa wɔn wɔ wɔn wiase mu ne wɔn atɛmmuada mu di nse, asɛm no nte sɛneɛ abosomsomfoɔ no susu no, sɛ ahokafoɔ bi ka Allah ho no.

(Haa Miiim): Ɛnsɛm yi ho nkyerɛkyerɛ adikane wɔ Suratul Yasin ɛnfitiaseɛ nkyirɛkyirɛ mu.

(Haa Miiim): Ɛnsɛm yi ho nkyerɛkyerɛ adikane wɔ Suratul Yasin ɛnfitiaseɛ nkyirɛkyirɛ mu.

1-2 (Haa Miiim Aenn siin kaaf): Ɛnsɛm yi ho nkyerɛkyerɛ adikane wɔ Suratul Yasin ɛnfitiaseɛ nkyirɛkyirɛ mu.

(Haa Miiim): Ɛnsɛm yi ho nkyerɛkyerɛ adikane wɔ Suratul Yasin ɛnfitiaseɛ nkyirɛkyirɛ mu.

(Haa Miiim): Ɛnsɛm yi ho nkyerɛkyerɛ adikane wɔ Suratul Yasin ɛnfitiaseɛ nkyirɛkyirɛ mu.

(Haa Miiim): Ɛnsɛm yi ho nkyerɛkyerɛ adikane wɔ Suratul Yasin ɛnfitiaseɛ nkyirɛkyirɛ mu.

(Haa Miiim): Ɛnsɛm yi ho nkyerɛkyerɛ adikane wɔ Suratul Yasin ɛnfitiaseɛ nkyirɛkyirɛ mu.

(Qaaf) y'akasa afa sa nsɛmfua yi ho wɔ Suratu Yaasin ahyaseɛ mu Onyankopɔn Allah de kuran kronkron di nse ɛnam nsempa pii ne nhyira ne papa a ɛwɔ mu, sɛ Ɛsipi sɛ Allah bɛnyane mo Atɛmuada abua mo atɛn na afae wama mo akatua.

(Nuun) y'akasa afa sa nsɛmfua yi ho wɔ Suratu Yaasin ahyaseɛ mu. Allah de twerɛ dua di nsi, na Ɔde neɛ Onipa de wɔn twerɛ dua twerɛ nso di nsi.