Skip to content

<< Obibiara ɔbɛdi nse a ɛnyɛ Nyankopɔn no,ayi boniayɛ anaasɛ wayɛ mmataho >>.

Yɛnya firii Ibn Umar Nyame anni nnye wɔn mmienu ho sɛ ɔtee sɛ barima bi reka sɛ:Daabi,mede Ka’aba di nse,na Ibn Umar kaa sɛ:Daabi yɛmfa obi nni nse gye sɛ Nyankopɔn,efiri sɛ metee sɛ Nyame somafoɔ-Nyame nhyira ne asomdwoe nka reka sɛ:

<< Obibiara ɔbɛdi nse a ɛnyɛ Nyankopɔn no,ayi boniayɛ anaasɛ wayɛ mmataho >>.

«مَنْ حَلَفَ بِغَيْرِ اللهِ فَقَدْ كَفَرَ أَوْ أَشْرَكَ».

Abu Dawud , Tirmizii ne Ahmɛd na wɔnnom de baayɛ.
Nokware
Nkyerɛ mu

Ɔkɔmhyɛni no, -Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no-bɔ amanneɛ sɛ obibiara a ɔde biribi foforɔ a ɛnyɛ Nyankopɔn ne Ne din ahodoɔ ne Ne su ahodoɔ bɛdi nse no,wayi Nyankopɔn no bɔniayɛ anaa wayɛ mmataho; efiri sɛ nsedie de kɛseyɔ ma deɛ wɔde di nse no, na kɛseyɔ ɛwɔ hɔ de ma Nyankopɔn no nko ara;enti yɛmfa biribiara nni nse gye sɛ Nyankopɔn ne Ne din ahodoɔ no ne Ne su ahodoɔ no, anuonyam nka no. Na saa nsedie yi ka mmataho ketewa ho,nanso sɛ wo di nse ne biribi na woyɛ no kɛse te sɛ Nyame Tumfoɔ anaa sɛ ɛkyɛn saa a,afei na akɔ yɛ mmataho kɛseɛ.

Nsɛmfua no nkyerɛaseɛ

من حلف: الحلف: اليمين، وهي توكيد الحكم بذكر معظّم تطمئن له نفس المخاطب.

كفر أو أشرك: يحتمل أن يكون هذا شكًّا من الراوي، ويحتمل أن تكون "أو" بمعنى الواو فيكون كفر وأشرك.

Mfasoɔ a ɛwɔ hadiisi no mu

Ampa nsedie kɛseyɔ no yɛ Nyame Ɔhotefoɔ Kokuroko no kyɛfa nti yɛmfa biribi nni nse gye sɛ Nyame ne Ne din ahodoɔ ne Ne su ahodoɔ.

Na kɔmhyɛni asuafoɔ no ani gye ho sɛ wɔbɛhyɛ ma wɔayɛ papa na wɔabra bɔne,titire sɛ bɔne no fa mmataho ho a,anaa sɛ ɛfa annye annie ho a.

Mmoa-nwoma

Sunan At-Tirmizi Nhoma (3/ 194) (1535).

Sunan Abii Daud (5/ 154- 155) (3251).

Ahmed Nhoma (9/ 249) (5346).

(9/ 275) (5375).

(10/ 249) (6072).

(1/ 343).

Ebio (11)

فتح المجيد شرح كتاب التوحيد.

لعبد الرحمن التميمي (ص413).

القول المفيد على كتاب التوحيد.

لابن عثيمين (2/ 214).

الملخص في شرح كتاب التوحيد.

لصالح الفوزان (ص326).

الجديد في شرح كتاب التوحيد.

لمحمد القرعاوي (ص365).

التمهيد لشرح كتاب التوحيد.

لصالح آل الشيخ (ص452).

فتاوى اللجنة الدائمة.