Skip to content

''Me sombo sene ahokafoɔ biara a wɔde ka Me ho, nti neɛ ɔbɛdi dwuma bi a ɔde obi foforɔ bɛka Me ho no, Megyae ɔne no mmata ho a ɔreyɛ no (abosomsɛm)''.

Abu Hurayrah (Allah nnye no ntom) kaa sɛ; Allah somafoɔ -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no - kaa sɛ:

<<Allah Okokuroko no kaa sɛ: ''Me sombo sene ahokafoɔ biara a wɔde ka Me ho, nti neɛ ɔbɛdi dwuma bi a ɔde obi foforɔ bɛka Me ho no, Megyae ɔne no mmata ho a ɔreyɛ no (abosomsɛm)''.

«قال الله تبارك وتعالى: أنا أغنى الشركاء عن الشرك، من عمل عملًا أشرك فيه معي غيري، تركتُهُ وشركَهُ».

ɛfiri Muslim ho
Nokware
Nkyerɛ mu

Ɔkɔmhyɛni - Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no - bɔ amaneɛ sɛ; Allah Okokuroko no kaa sɛ: ''esipi sɛ Ɔno ne neɛ Ɔsombo sene neɛ wɔde rebata No ho biara, na Ɔno ne Ɔdefoɔ wɔ biribiara so, na sɛ onipa bi di dwuma bi a ɛyɛ sotie na ɔdi no Allah nti ne obi foforɔ nti a, Allah gyae no na Ɔnnye ntom, na Wadane dwumadie no asan ama ne wura. Ɛno nti ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛte yɛn nnwumadie ho ma Allah Okokuroko no nko ara, ɛfiri sɛ Ɔhoteeni (Allah) no Ɔnnye dwumadie bi ntom agye neɛ ɔyɛɛ no krɔgyenn sɛ ɔde rehwehwɛ N'animuonyam Kronkron no.

Nsɛmfua no nkyerɛaseɛ

.....:

Mfasoɔ a ɛwɔ hadiisi no mu

Ahwɛyie wɔ abosomsɛm ho, sɛ neɛ ne su teɛ biara, na ɛsi kwan sɛ (Allah) bɛgye dwumadie bi atom.

Worete nka wɔ Allah ahonyadeɛ ne Ne kɛseyɔ mu ka nneɛma a ɛboa ma obi dwumadie yɛ krɔgyenn (Allah nti).

Mmoa-nwoma

Musilimu Nhoma (4/ 2289) (2985).

Ebio (5)

شرح النووي على مسلم (18/ 115).

الملخص في شرح كتاب التوحيد.

لصالح الفوزان (ص287).

الجديد في شرح كتاب التوحيد.

لمحمد القرعاوي (ص325).