Skip to content
25 Hadiths

Encyclopedia of Prophetic Hadiths

Filter results

7 of 25 cards

Clear filters
<<Allah nhunu obi a ɔdwo na ɔsosɔ afoforɔ so sɛ ɔretɔn adeɛ a mmɔbɔ, ne obia ɔdwo sɛ ɔretɔ a, ne obia ɔdwo sɛ ɔhia a>>.
Nokware ɛfiri Bukhaari ho
(Montwe mo ho mfiri ade nson a ɛsɛe onipa ho, na asuafoɔ no kaa sɛ: Oh Allah somafoɔ! na ɛno ne deɛn? Ɔkaa sɛ: abosomsom ne nkonyaayie, ne Nipakum a Onyame ayɛ no akyiwade gye nokware kwan so, ne nsihodie, Agyanka sikadie, ne ako mu mmirikatuo,ne adwaman nkontompo wɔ agyidifoɔ mmaa ahoteefoɔ a wɔ bɔ wɔn ho ban).
Nokware Yatimtim so.Bukhaare ɛne Muslim.
<<Asɔre mprenum da koro, ne Efiada (nhyiamu asɔre) kɔsi Efiada, ne Ramadan (akɔmkyene) kɔsi Ramadan, yɛ mpata ma bɔne nketewa obi ayɛ wɔ mu sɛ ɔtwe ne ho firi bɔne akɛseɛ no ho nko ara deɛ a>>.
Nokware ɛfiri Muslim ho
"Mma momfa mo afie nyɛ nna so,saa ara nso na momfa me nna so no nyɛ afahyɛ na mommɔ mpaeɛ mma me efiri sɛ mo mpaeɛ no bɛduru me hɔ baabi a mowɔ biara".
Hassan Abu Dawuda Nhoma mu
<<Muslimini kyɛfa wɔ no yɔnko Muslimini so yɛ enum: sɛ ɔbɛgye no so sɛ ɔkyea no a (salaam), na ɔbɛkɔ akɔsra no sɛ ɔyare a, na ɔbɛdi n'akyi ama wɔayɛ owufoɔ som ama no, na ɔbɛgye no frɛ so (sɛ ɔto ne nsa frɛ no dwumadie bi ase a), na ɔbɛgye no so sɛ ɔnwansi a>>.
Nokware Yatimtim so.Bukhaare ɛne Muslim.
<< Na abranteɛ bi wɔ hɔ a ɔde sika bɔ amanfoɔ bosea, na na ɔka kyerɛ ne ba barima sɛ: sɛ woma obia ne ho akyere no (bosea) a, fa firi no ɛbia na Allah nso de yɛn (bɔne) afiri yɛn, nti ɔhyia Allah na Ɔde ne bɔne firii no>>.
Nokware Yatimtim so.Bukhaare ɛne Muslim.
" sɛ ɔbarima bi dɔ ne nua a, ɛwɔ sɛ ɔka kyerɛ no sɛ ɔdɔ no"
Nokware Abu Dawud , Tirmizii , Nasai wɔ Kubra nhoma mu ne Ahmɛd na wɔnnom de baayɛ.