Skip to content
25 Hadiths

Encyclopedia of Prophetic Hadiths

Filter results

23 of 25 cards

Clear filters
<<(Siwak) Duaweɛ yɛ adeɛ a anumu na ɛsɔ Awurade Nyankopɔn ani nso>>.
Nokware Ɛfiri Nasaai ɛne Ahmed.
"Obibiara a ɔbɛkɔ hajj na wamfa ne ho anhyɛ rafath(ɔbaa ne barima nhyiamu anaa kasa fii) mu anaa wanyɛ bɔne no, ɔbɛsan te sɛ ɛda a ne maame woo no".
Nokware Yatimtim so.Bukhaare ɛne Muslim.
Metee sɛ ɔkɔmhyɛni - Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no - Nnaanum ansa na ɔrebɛwu no, na ɔreka sɛ: << Mesrɛ twe me ho kɔ Allah nkyɛn sɛ mɛnya hokani bi afiri mo mu, ɛfiri sɛ esipi sɛ Allah Okokuroko no afa me adamfoɔ dada, sɛneɛ Ɔfaa Ibrahim (Abraham) adamfoɔ no, na sɛ mpo sɛ nka merefa adamfoɔ afiri me dɔm yi mu a, nka mɛfa Abubakar adamfoɔ. So! monim sɛ wɔn a wɔdii mo anim kan no na wɔfa wɔn akɔmhyɛfoɔ ne wɔn mu apapafoɔ nna so sɛ nyamesombea, daabi da! ma momfa amusie sɛ nyamesombea, esipi sɛ merebra mo firi saa ade no ho>>.
Nokware ɛfiri Muslim ho
<<Muslimini kyɛfa wɔ no yɔnko Muslimini so yɛ enum: sɛ ɔbɛgye no so sɛ ɔkyea no a (salaam), na ɔbɛkɔ akɔsra no sɛ ɔyare a, na ɔbɛdi n'akyi ama wɔayɛ owufoɔ som ama no, na ɔbɛgye no frɛ so (sɛ ɔto ne nsa frɛ no dwumadie bi ase a), na ɔbɛgye no so sɛ ɔnwansi a>>.
Nokware Yatimtim so.Bukhaare ɛne Muslim.
<< Na abranteɛ bi wɔ hɔ a ɔde sika bɔ amanfoɔ bosea, na na ɔka kyerɛ ne ba barima sɛ: sɛ woma obia ne ho akyere no (bosea) a, fa firi no ɛbia na Allah nso de yɛn (bɔne) afiri yɛn, nti ɔhyia Allah na Ɔde ne bɔne firii no>>.
Nokware Yatimtim so.Bukhaare ɛne Muslim.
<<Mommɔ dawuro mfa me nsɛm no ho; sɛ mpo ɛyɛ yikyerɛ koro pɛ mpo a, na monka atetesɛm a ɛfa Israel asefoɔ ho; ɛfiri sɛ akwansideɛ biara nni ho, na mmom neɛ ɔbɛtwa kontompo ato me so boapayɔ mu no deɛ; ɔmmɛ gye ne tenabrɛ wɔ ogya dareɛ no mu>>.
Nokware ɛfiri Bukhaari ho
" sɛ ɔbarima bi dɔ ne nua a, ɛwɔ sɛ ɔka kyerɛ no sɛ ɔdɔ no"
Nokware Abu Dawud , Tirmizii , Nasai wɔ Kubra nhoma mu ne Ahmɛd na wɔnnom de baayɛ.