Skip to content
25 Hadiths

Encyclopedia of Prophetic Hadiths

Filter results

23 of 25 cards

Clear filters
Mma mommu me sɛdeɛ kristofoɔ bu Maria ba no; efiri sɛ meyɛ N’akoa nkutoo, na mmom monka sɛ: Nyame akoa ne Ne somafoɔ".
Nokware ɛfiri Bukhaari ho
Nyame kɔmhyɛni-Nyame asomdwoe ne nhyira nka no-ka kyerɛɛ Muaz bun Jabal berɛ a na ɔresoma no akɔ YEMEN sɛ: "Ampa woreba nkorɔfoɔ bi a wɔyɛ Nwoma no foɔ,na sɛ woba wɔn hɔ a frɛ wɔn ma wɔnni adanseɛ sɛ Nokware Nyame biara nni hɔ gye sɛ Allaah,na Muhammad yɛ Nyame somafoɔ,na sɛ wɔyɛ setie de ma wo fa saa ho a, bɔ wɔn amanneɛ sɛ ampa Nyame ayɛ asɔreyɛ mprɛnum nhyɛ wɔ wɔn so dabiara ne anadwo biara,na sɛ wɔyɛ setie ma wo fa saa ho a,bɔ wɔn amanneɛ sɛ ampa Nyame ayɛ ZAKKAH (ntotosoɔ dudu)no nhyɛ wɔ wɔn so a yɛbɛgye afiri wɔn asikafoɔ no hɔ ama wɔn mu ahiafoɔ no,na sɛ wɔyɛ setie ma wo fa saa ho a,yɛ ahwɛyie wɔ wɔn sika pa no ho,na suro nea yɛasisi no no mpaebɔ no,efiri sɛ ɛhyeɛ biara nna ɔne Nyame ntam".
Nokware Yatimtim so.Bukhaare ɛne Muslim.
<<ɛnyɛ obia ɔde nkabom ba abusua mu ne neɛ ɔyɛ bi tua ka, na mmom neɛ ɔde nkabom ba ne neɛ ɔka abusua no bom sɛ ntetemu bi ba a>>.
Nokware ɛfiri Bukhaari ho
<< ɔsɛeɛ aka 'ɛstrimistfoɔ' wɔn a wɔyɛ kyenkyenekyee wɔ nyamesom mu>> ɔkaa no mprɛnsa.
Nokware ɛfiri Muslim ho
<<O Awurade! ''Mesrɛ sɛ ɛmma me nna so nnyɛ ɔbosom /abosomfie, Allah adome kuo bi a wɔfaa wɔn akɔmhyɛfoɔ nna so sɛ nyamesombea (asoredan)>>.
Nokware Ɛfiri Ahmed Nhoma mu
<< Wɔde akɔnɔdeɛ atwa ogya dareɛ no ho ahyia ɛna wɔde akyiwadeɛ atwa soro aheman ho ahyia>>.
Nokware ɛfiri Bukhaari ho
<<Allah Okokuroko no kaa sɛ: ''Me sombo sene ahokafoɔ biara a wɔde ka Me ho, nti neɛ ɔbɛdi dwuma bi a ɔde obi foforɔ bɛka Me ho no, Megyae ɔne no mmata ho a ɔreyɛ no (abosomsɛm)''.
Nokware ɛfiri Muslim ho
<<Allah nhunu obi a ɔdwo na ɔsosɔ afoforɔ so sɛ ɔretɔn adeɛ a mmɔbɔ, ne obia ɔdwo sɛ ɔretɔ a, ne obia ɔdwo sɛ ɔhia a>>.
Nokware ɛfiri Bukhaari ho