Skip to content

" sɛ ɔbarima bi dɔ ne nua a, ɛwɔ sɛ ɔka kyerɛ no sɛ ɔdɔ no"

Al-Miqdam ibn Ma’di Karib(Nyankopɔn ani nnye ne ho) kaa sɛ: Ɔkɔmhyɛni (Nyankopɔn nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no) Kaa sɛ:

" sɛ ɔbarima bi dɔ ne nua a, ɛwɔ sɛ ɔka kyerɛ no sɛ ɔdɔ no"

«إِذَا أَحَبَّ الرَّجُلُ أَخَاهُ فَلْيُخْبِرْهُ أَنَّهُ يُحِبُّهُ».

Abu Dawud , Tirmizii , Nasai wɔ Kubra nhoma mu ne Ahmɛd na wɔnnom de baayɛ.
Nokware
Nkyerɛ mu

Ɔkɔmhyɛni(Nyankopɔn nhyira ne na’somdwoeɛ nka no) daa nneɛma a ɛhyɛ ayɔnkofa a ɛda agyidifoɔ ntam no mu kena na ɛma ɔdɔ trɛ wɔ wɔn ntam no mu baako adi: sɛ obi dɔ ne yɔnko Muslimini a, ɛwɔ sɛ ɔka kyerɛ no sɛ ɔdɔ no.

Mfasoɔ a ɛwɔ hadiisi no mu

Nneyɛɛ pa a ɛwɔ mu; sɛ ɔdɔ bɛyɛ kan Nyankopɔn nti na ɛmmom ɛnyɛ wiase apɛdeɛ nti.

Ɛfata sɛ yɛbɔ amaneɛ kyerɛ neɛ yɛdɔ no no ɛwɔ Nyame nti sɛdea ɔdɔ ne nkabɔmu no bi bɛka ho.

Sɛ yɛbɛma ɔdɔ a ɛwɔ agyedifoɔ ntam no bɛda adi no ma agyidifoɔ anuasɛm no mu yɛ den, na ɛbɔ nkabɔmu no ho ban firi mpaepaemu ho.

Mmoa-nwoma

Sunan Abii Daud (7/ 444) (5124).

Sunan At-Tirmizi Nhoma (4/ 199) (2392).

Al-Sunan Al-Kubra ma Al-Nasa’i (9/ 87) (9963).

Ahmed Nhoma (28/ 408) (17171).

Ebio (12)

بهجة الناظرين شرح رياض الصالحين.

لسليم الهلالي (1/ 450).

تطريز رياض الصالحين.

لفيصل المبارك (ص258).

رياض الصالحين للنووي.

(ص138) (383).

سلسلة الأحاديث الصحيحة وشيء من فقهها وفوائدها.

للألباني (1/ 777).

فيض القدير شرح الجامع الصغير.

للمناوي (1/ 247).

كنوز رياض الصالحين.

لمجموعة من الباحثين (6/ 279).