Skip to content
25 Hadiths

Encyclopedia of Prophetic Hadiths

Filter results

23 of 25 cards

Clear filters
<<Sɛ akoa bi yare anaa ɔtu kwan a wɔbɛtwerɛ ama no te sɛ ɔtemamufoɔ a ɔte apɔ redie>>.
Nokware ɛfiri Bukhaari ho
<< Obibiara ɔbɛdi nse a ɛnyɛ Nyankopɔn no,ayi boniayɛ anaasɛ wayɛ mmataho >>.
Nokware Abu Dawud , Tirmizii ne Ahmɛd na wɔnnom de baayɛ.
<< Ɔsoro aheman bɛn mo mu binom sene sɛneɛ ne mpaboa ahoma bɛn no, sa ara nso na ogya dareɛ nso teɛ>>.
Nokware ɛfiri Bukhaari ho
<<obibiara a ɔbɛhyɛ me bɔ (sɛ ɔbɛbɔ saa nneɛma mmienu yi ho ban no) ɛyɛ ade a ɛda n'abɔdwe mu ne ne nan ntam no, me nso mɛhyɛ no ɔsoro aheman mu ho bɔ>>.
Nokware ɛfiri Bukhaari ho
(Montwe mo ho mfiri ade nson a ɛsɛe onipa ho, na asuafoɔ no kaa sɛ: Oh Allah somafoɔ! na ɛno ne deɛn? Ɔkaa sɛ: abosomsom ne nkonyaayie, ne Nipakum a Onyame ayɛ no akyiwade gye nokware kwan so, ne nsihodie, Agyanka sikadie, ne ako mu mmirikatuo,ne adwaman nkontompo wɔ agyidifoɔ mmaa ahoteefoɔ a wɔ bɔ wɔn ho ban).
Nokware Yatimtim so.Bukhaare ɛne Muslim.
“Obiara a ɔbɛhyia Onyankopɔn, na wamfa biribiara ammata Ne ho no, ɔbɛwura Ɔsoro Ahemman turo no mu, na obiara a ɔbɛhyia No, na ɔde biribi abata Ne ho no, ɔbɛwura egya no mu.
Nokware ɛfiri Muslim ho
<<Asɔre mprenum da koro, ne Efiada (nhyiamu asɔre) kɔsi Efiada, ne Ramadan (akɔmkyene) kɔsi Ramadan, yɛ mpata ma bɔne nketewa obi ayɛ wɔ mu sɛ ɔtwe ne ho firi bɔne akɛseɛ no ho nko ara deɛ a>>.
Nokware ɛfiri Muslim ho
Wɔkaa sɛ, O Onyankopɔn Somafoɔ, hwan na ɔbɛnya anigyeɛ wɔ nnipa mu wɔ wo ntamgyina mu wɔ Owusɔreɛ Da no? Nyame Somafoɔ, Nyame nhyira ne asomdwoe nka no, kaa sɛ: “Mesusuu sɛ, O Abu Hurairah, sɛ obiara remmisa me saa Hadith yi nnya wo, berɛ a mehunuu sɛ wo ho pere wo fa Hadith no ho no,nnipa a ɔbɛnya anigyeɛ wɔ me ntamgyina no ho wɔ Wusɔreɛ Da no, ne obi a ɔka sɛ Nyame biara nni hɔ gye sɛ Allaah, wɔ gyidie mu firi n’akoma mu anaa ne kra mu.
Nokware ɛfiri Bukhaari ho