Skip to content

<<Sɛ akoa bi yare anaa ɔtu kwan a wɔbɛtwerɛ ama no te sɛ ɔtemamufoɔ a ɔte apɔ redie>>.

Wɔ Abu Musa Al-Ash’ari tumi so no, Onyankopɔn ani nnye no, ɔkaa sɛ: -Onyankopɔn Somafoɔ, Onyankopɔn nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- kaa sɛ:

<<Sɛ akoa bi yare anaa ɔtu kwan a wɔbɛtwerɛ ama no te sɛ ɔtemamufoɔ a ɔte apɔ redie>>.

«إِذَا مَرِضَ الْعَبْدُ أَوْ سَافَرَ كُتِبَ لَهُ مِثْلُ مَا كَانَ يَعْمَلُ مُقِيمًا صَحِيحًا».

ɛfiri Bukhaari ho
Nokware
Nkyerɛ mu

Ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- rebɔ yɛn amaneɛ ɛfa Allah adom ne n'ahummɔborɔ ho, na sɛ na ɛyɛ muslimini bi suban sɛ ɔyɛ papa wɔ berɛ a ɔte apɔ na ɔyɛ temamuni a, na afei sɛ akwansideɛ bi ba a na sɛ ɔyare na sɛ ɔntumi nni saa dwuma no a, anaa sɛ akwantuo amma no annya adaagye a, anaasɛ akwansideɛ biara,na esipi sɛ wɔretwerɛ akatua a ahyɛ ma ma no, te sɛ neɛ nka ɔbɛyɛ no berɛ ɔte apɔ na ɔte ne man mu no.

Mfasoɔ a ɛwɔ hadiisi no mu

Allah adom trɛ wɔ Ne nkoa so.

Worehyɛ Nkuran wɔ mmɔdemmɔ wɔ sotie mu na wadi berɛ a wote apɔ na wowɔ adaagye ho mfasoɔ.

Mmoa-nwoma

Buhari Nhoma (4/ 57) (2996).

Ebio (6)

شرح رياض الصالحين.

لابن عثيمين (1/ 36).

بهجة الناظرين شرح رياض الصالحين.

لسليم الهلالي (1/ 211).

بهجة قلوب الأبرار وقرة عيون الأخيار في شرح جوامع الأخبار.

لعبد الرحمن السعدي (ص83).