Skip to content
25 Hadiths

Encyclopedia of Prophetic Hadiths

Filter results

5 of 25 cards

Clear filters
Mma mommu me sɛdeɛ kristofoɔ bu Maria ba no; efiri sɛ meyɛ N’akoa nkutoo, na mmom monka sɛ: Nyame akoa ne Ne somafoɔ".
Nokware ɛfiri Bukhaari ho
<< ɔsɛeɛ aka 'ɛstrimistfoɔ' wɔn a wɔyɛ kyenkyenekyee wɔ nyamesom mu>> ɔkaa no mprɛnsa.
Nokware ɛfiri Muslim ho
<<Allah Okokuroko no kaa sɛ: ''Me sombo sene ahokafoɔ biara a wɔde ka Me ho, nti neɛ ɔbɛdi dwuma bi a ɔde obi foforɔ bɛka Me ho no, Megyae ɔne no mmata ho a ɔreyɛ no (abosomsɛm)''.
Nokware ɛfiri Muslim ho
Wɔkaa sɛ, O Onyankopɔn Somafoɔ, hwan na ɔbɛnya anigyeɛ wɔ nnipa mu wɔ wo ntamgyina mu wɔ Owusɔreɛ Da no? Nyame Somafoɔ, Nyame nhyira ne asomdwoe nka no, kaa sɛ: “Mesusuu sɛ, O Abu Hurairah, sɛ obiara remmisa me saa Hadith yi nnya wo, berɛ a mehunuu sɛ wo ho pere wo fa Hadith no ho no,nnipa a ɔbɛnya anigyeɛ wɔ me ntamgyina no ho wɔ Wusɔreɛ Da no, ne obi a ɔka sɛ Nyame biara nni hɔ gye sɛ Allaah, wɔ gyidie mu firi n’akoma mu anaa ne kra mu.
Nokware ɛfiri Bukhaari ho
Metee sɛ ɔkɔmhyɛni - Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no - Nnaanum ansa na ɔrebɛwu no, na ɔreka sɛ: << Mesrɛ twe me ho kɔ Allah nkyɛn sɛ mɛnya hokani bi afiri mo mu, ɛfiri sɛ esipi sɛ Allah Okokuroko no afa me adamfoɔ dada, sɛneɛ Ɔfaa Ibrahim (Abraham) adamfoɔ no, na sɛ mpo sɛ nka merefa adamfoɔ afiri me dɔm yi mu a, nka mɛfa Abubakar adamfoɔ. So! monim sɛ wɔn a wɔdii mo anim kan no na wɔfa wɔn akɔmhyɛfoɔ ne wɔn mu apapafoɔ nna so sɛ nyamesombea, daabi da! ma momfa amusie sɛ nyamesombea, esipi sɛ merebra mo firi saa ade no ho>>.
Nokware ɛfiri Muslim ho